www.fgks.org   »   [go: up one dir, main page]

Jump to content

Ɛtɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɛtɛ
clinical sign, class of disease
subclass oflens disease, monogenic disease, Nyarewa, eye disease Sesa
health specialtyophthalmology Sesa
symptoms and signsvisual impairment, glare, diplopia Sesa
medical examinationeye examination Sesa
possible treatmentintraocular lens, cataract glasses, cataract surgery Sesa
genetic associationGJA8 Sesa
ICD-9-CM366.8 Sesa
ICPC 2 IDF92 Sesa
NCI Thesaurus IDC26713 Sesa

Ɛtɛ (brɔfo kasa mu, Cataract) yɛ yareɛ ɛma aniwa no so yɛ wisiwisi na ɛmma aniwa no nhu ade papa.[1][2] Mpɛn pii no, Ɛtɛ no trɛ nkakrankakra na ebetumi aka aniwa biako anaa abien no nyinaa. Ɛyɛ ade titiriw a ɛde aniso wisiwisi(cloudy) ne anifurae ba wɔ Ghana.[3][4] Saa tebea yi ka wɔn a wɔn mfe akɔ anim titiriw, nanso ebetumi afi awosu mu nneɛma, asikyireyare, owia hann a obi hwɛ no bere tenten, ne aniwa a kuro wɔ so.[3]

Ma ɛde ba[sesa]

Mfe[sesa]

Mfe a obi adi ne ade titiriw a ɛtaa ma obi ani so yɛ no wisiwisi na ɛtɛ ba.[5] Bere kɔ so no, aniwa mu sradeɛ ahorow no sɛe, na nyarewa te sɛ asikyireyare ne mogyammoroso ma saa adeyɛ yi ba ntɛmntɛm.

Ehu kɛse[sesa]

Ɔbarima bi a wadi mfe 60 a wonya rosette ɛtɛ aniwa.

Ehu kɛse ma adehu beaɛ no hohoro, ɛyɛ den, na ɛyɛ fitaa. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, bere kɔ so no, haw no fi hɔ de, nanso ebia kɔla fitaa no bɛkɔ so atra hɔ.

Sɛnkyerɛnne[sesa]

Sɛnea aniwa a ɛtɛ nniso hu ade
Sɛnea aniwa a ɛtɛ wɔ so hu ade

Nsɛnkyerɛnne no betumi ayɛ kɔla ahorow a ayera, Ɛtɛ anaasɛ ɛhu ade mmɔho abien, kɛlawod a atwa ani no ho ahyia, ɔhaw a ɛba wɔ akanea a ɛhyerɛn ho, ne ɔhaw a ɛyɛ den sɛ wobehu ade anadwo.[6] Eyi betumi de ɔhaw aba karka, akenkan, anaa nkrufo anim a wobehu mu.[7]

Aniwa a wontumi nhu ade yiye a Ɛtɛ de ba nso betumi ama asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi bɛhwe ase na wayɛ basaa no akɔ soro. Ɛtɛ ma anifurae nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 51 na nea ɛmma obi nhu ade yiye yɛ ɔha biara mu nkyem 33 wɔ wiase nyinaa.[8] Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, a awuduru, mframa, ne hann a ano yɛ den ka ho no wɔ nkɛntɛnso wɔ yɛn so na ɛyɛ esiane kɛse ma yɛn ahobammɔ. Saa haw ahorow yi tumi ma nnurubɔn kɔ aniwa no mu.

Ne hwɛ[sesa]

Ɛtɛ aniwa oprehyen

Wɔ Ghana no, Ɛtɛ na ɛma anifurae ba kɛse. Sɛnea Ghana akwahosan dwumadibea kyerɛ no, anifuraefo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 50 na ɛtɛ maa wɔn ani anifurae. Nnipa dodow no ara wɔwɔ ɛtɛ dɔɔso wɔ nkuraase esiane sɛ wontumi nkɔ asopiti ne aniwa hwɛbea ahorow pii nti.[9]

Ne hwɛ mu haw[sesa]

  • Aniwa Hwɛ Dwumadibea a Wobɛnya: Nkuraase pii nni aniwa hwɛ ho adwumayɛbea titiriw. Aniwa hwɛbea ne aniwa ho aduruyɛfo dodow no ara wɔ nkurow akɛse mu, na ɛma ɛyɛ den ma nkuraasefo sɛ wobenya ɔhwɛ a ɛfata.[10]
  • Oprehyɛn Ho Ka: Ɛwom sɛ ɛtɛ oprehyɛn ne bo nyɛ den koraa de, nanso ɛda so ara yɛ nea Ghanafo pii ntumi ntua, titiriw wɔn a wɔn sikasɛm tebea a nye no.[11]
  • Nhumu ne Nhomasua: Nnipa a wonnim ɛtɛ ne ayaresa ahorow a wobetumi apaw ho nimdeɛ. Nnipa pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhwehwɛ ayaresa kosi sɛ tebea no bɛsɛe wɔn ani so kɛse.[9]

Nsɔano[sesa]

Dwumadi ahorow[sesa]

Ahyehyɛde ahorow a ɛnyɛ Aban de ne aban nhyehyɛe ahorow taa yɛ aniwa hwɛ nsraban ahorow wɔ nkuraase de yɛ aniwa a ɛyɛ mmerɛw oprehyɛn a wontua hwee.[12][13]

Ntetee Nhyehyɛe ahorow[sesa]

Ghana Akwahosan Dwumadibea no ne amanaman ntam ahokafoɔ yɛ nteteeɛ nhyehyɛeɛ de ma aniwa ho aduruyɛfoɔ a wɔn ho akokwa na ama aniwa ho adwumayɛfoɔ dodoɔ akɔ soro.[12]

Ɔmanfo Ɔsatu ahorow[sesa]

Wɔde ɔsatu ahorow a wɔde bɛma nkurɔfo ate hia a ɛho hia sɛ wohu ɛtɛ ntɛm na wɔsa no redi dwuma de ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔahwehwɛ aduruyɛ mu afotu a ɛfata ntɛm aber a wɔn ani so reyɛ wɔn wisiwisi no.[13]

Ayaresabea nkumaa[sesa]

Ahyehyɛde ahorow bi yɛ aniwa ayaresabea ahorow a wotumi fa so kɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri, na wɔyɛ nhwehwɛmu na wɔyɛ oprehyɛn wɔ beae hɔ. Saa beaɛ ahorow yi tumi yɛ kar mu anaa ntamadan ahorow.[12]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Cataracts | National Eye Institute, retrieved 2024-06-20
  2. Cataracts - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-20
  3. 3.0 3.1 Alfred E. Yawson, Edith M. Ackuaku-Dogbe, Nana A. Hagan Seneadza, George Mensah, Nadia Minicuci, Nirmala Naidoo, Somnath Chatterji, Paul Kowal, Richard B. Biritwum (2014-09-12), "Self-reported cataracts in older adults in Ghana: sociodemographic and health related factors", BMC Public Health, vol. 14, no. 1, p. 949, doi:10.1186/1471-2458-14-949, ISSN 1471-2458, PMC 4165902, PMID 25216928, retrieved 2024-06-20{{citation}}: CS1 maint: PMC format (link) CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. Ghana Health Service Marks The 2022 National World Sight Day – Ghana Health Service (in American English), retrieved 2024-06-20
  5. Halos Around Lights: Causes, Treatments, and Prevention (in English), 2019-05-23, retrieved 2024-06-20
  6. Facts About Cataract | National Eye Institute, 2015-05-24, archived from the original on 2015-05-24, retrieved 2024-06-20{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  7. WHO | Priority eye diseases, 2015-05-24, archived from the original on 2015-05-24, retrieved 2024-06-20{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  8. Vision impairment and blindness (in English), retrieved 2024-06-20
  9. 9.0 9.1 Samuel Ampomah (2018-03-15), MOH advices public to have regular eye tests (in American English), retrieved 2024-06-20
  10. ResearchGate (2019-07-01), Assessing the Progress towards Achieving "vISION 2020: The Right to Sight" Initiative in Ghana
  11. Salifu Abdul-Rahaman (2022-08-11), "Ghana: Increase Tariffs On Cataract Surgery Under NHIs - Dr Baah", Ghanaian Times (in English), Accra, retrieved 2024-06-20
  12. 12.0 12.1 12.2 2023 Ghana Eye Health Summit (in British English), retrieved 2024-06-20
  13. 13.0 13.1 Accra Specialist Eye Hospital - Best Eye Hospital in Ghana (in American English), retrieved 2024-06-20